Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
7 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Montie Yehowa asɛm. Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɔkyena sɛsɛɛ, esiam muhumuhu seah susudeɛ* baako boɔ bɛyɛ dwetɛbena* baako, na baali* seah susudeɛ mmienu boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako wɔ Samaria kuro pono ano.’”*+ 2 Ɛhɔ ara na ɔhene boafoɔ a ɔgye no di no bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mpomma mpo a, anka ɛbɛyɛ dɛn na asɛm yi atumi aba mu?”+ Na ɔno nso kaa sɛ: “Wode w’ani bɛhunu,+ nanso ebi renka w’ano.”+
3 Ná mmarima akwatafoɔ nnan bi wɔ kuro no pono ano,+ na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha wuo? 4 Ɛkɔm wɔ kuro no mu,+ enti sɛ yɛka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ kuro no mu’ a, yɛbɛwuwu wɔ hɔ. Na sɛ yɛtena ha nso a, yɛbɛwuwu. Enti momma yɛmmɔ nwura Siriafoɔ asoɛeɛ no mu. Sɛ wɔkora yɛn so a, yɛbɛtena nkwa mu, na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na yɛawu.” 5 Ɛnna wɔsɔree anwummerɛ a esum reba, na wɔkɔɔ Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ. Berɛ a wɔkɔduruu Siriafoɔ asoɛeɛ no ano no, na obiara nni hɔ.
6 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, na Yehowa ama Siriafoɔ no ate ɛko nteaseɛnam, apɔnkɔ, ne asraafoɔdɔm kɛseɛ nka wɔ wɔn asoɛeɛ hɔ.+ Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Israel hene akɔbɔ Hitifoɔ ahemfo ne Egypt ahemfo paa ama wɔreba yɛn so!” 7 Ntɛm ara na wɔsɔre dwanee anwummerɛ a anim rebiribiri no, na wɔgyaa wɔn ntomadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfunumu hɔ dwane gyee wɔn ho nkwa.* Wɔgyaa asoɛeɛ hɔ saa ara kɔeɛ.
8 Berɛ a akwatafoɔ yi bɛduruu asoɛeɛ no ano no, wɔkɔɔ ntomadan baako mu, na wɔdidi nomee, na wɔsesaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne ntaadeɛ firii hɔ de kɔsieeɛ. Ɛno akyi no, wɔsan kɔɔ ntomadan foforɔ mu, na wɔsesaa nneɛma firii hɔ de kɔsieeɛ.
9 Afei wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Anigyesɛm yi deɛ, ɛsɛ sɛ yɛma nkurɔfoɔ te ho asɛm! Sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase, na yɛtena hɔ ma adeɛ kye a, asɛm bɛto yɛn. Enti momma yɛnkɔbɔ amanneɛ wɔ ahemfie.” 10 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ kuro pono ano ahwɛfoɔ no sɛ: “Yɛkɔɔ Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ, nanso yɛanhunu obiara na yɛante obiara nka wɔ hɔ. Deɛ yɛkɔtoe ara ne apɔnkɔ ne mfunumu a wɔamantam wɔn ne ntomadan a wɔagya hɔ saa ara.” 11 Ɛhɔ ara na apono ano ahwɛfoɔ no kɔbɔɔ amanneɛ wɔ ahemfie.
12 Ntɛm ara na ɔhene sɔree anadwo, na ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ sɛ: “Mesrɛ mo, momma menka deɛ Siriafoɔ pɛ sɛ wɔde yɛ yɛn nkyerɛ mo. Wɔnim sɛ ɛkɔm de yɛn,+ enti wɔafiri wɔn asoɛeɛ hɔ akɔhinta wuram, na wɔaka sɛ, ‘Sɛ wɔfiri kuro no mu ba a, yɛbɛkye wɔn animono, na yɛabɔ awura kuro no mu.’”+ 13 Ɛnna n’asomfoɔ no baako kaa sɛ: “Kuro no mu apɔnkɔ a aka no, mesrɛ wo, ma mmarima bi mfa nnum nkɔ hɔ. Hwɛ! Wɔn nso deɛ ɛbɛto Israelfoɔ a wɔaka kuro yi mu no, ɛno ara bi na ɛbɛto wɔn. Wɔn nso bɛyɛ sɛ Israelfoɔ dodoɔ a wɔawuwu no ara. Ma yɛnsoma wɔn na wɔnkɔhwɛ.” 14 Enti wɔfaa nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene somaa wɔn sɛ wɔnkɔ Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ. Ɔkaa sɛ: “Monkɔhwɛ.” 15 Ɛnna wɔdii wɔn anammɔn akyi ara kɔduruu Yordan ho, na wɔhuu sɛ ntaadeɛ ne nneɛma a ahoperɛ nti Siriafoɔ a wɔredwane no atoto agu no ayɛ kwan no so nyinaa ma. Mmarima no san bɛbɔɔ ɔhene amanneɛ.
16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔsesaa Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ nneɛma; enti esiam muhumuhu seah susudeɛ baako boɔ bɛyɛɛ dwetɛbena baako, na baali seah susudeɛ mmienu boɔ bɛyɛɛ dwetɛbena baako sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ 17 Ɔhene boafoɔ a ɔgye no di no, ɔhene yii no sɛ ɔnhwɛ kuro pono no ano, nanso ɔman no twi faa ne so wɔ ɛpono no ano tiatiaa no so maa no wuiɛ, na ɛmaa asɛm a nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaeɛ berɛ a ɔhene baa ne nkyɛn no baa mu. 18 Deɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no baa mu saa sɛ: “Ɔkyena sɛsɛɛ, baali seah susudeɛ mmienu boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako, na esiam muhumuhu seah susudeɛ baako boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako wɔ Samaria kuro pono ano.”+ 19 Nanso saa berɛ no, ɔboafoɔ no bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mpomma mpo a, anka ɛbɛyɛ dɛn na asɛm yi atumi aba mu?” Elisa nso kaa sɛ: “Wode w’ani bɛhunu, nanso ebi renka w’ano.” 20 Saa pɛpɛɛpɛ nso na ɛtoo no, ɛfiri sɛ ɔman no twi faa ne so wɔ kuro pono no ano tiatiaa ne so maa no wuiɛ.