12 Ɛnna Hasael bisaa no sɛ: “Adɛn nti na me wura resu?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛfiri sɛ menim bɔne a wobɛyɛ Israelfoɔ.+ Wode gya bɛhye wɔn nkuro a ɛyɛ den, wode sekan bɛkunkum wɔn mmarima a wɔnim ko, wobɛtete wɔn mma mu, na wɔn mmaa a wɔnyenyem nso, wobɛpaapae wɔn mu.”+