18 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’+ na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefoɔ no ammɔ no kɔkɔ amfiri ne kwammɔne so na wannya nkwa a,+ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɔ mu,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo nsam.+
7 Gyidie nti berɛ a wɔmaa Noa+ Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wɔnnya nhunuiɛ+ ho no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka+ a wɔde bɛgye ne fiefoɔ nkwa; na ɔnam saa gyidie yi so buu wiase no fɔ,+ na ɔbɛyɛɛ tenenee a ɛnam gyidie so ho dedifoɔ.+