Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Ahemfo 17:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Afei na mahunu sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa+ ampa, na Yehowa asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokorɛ.”+

  • 1 Ahemfo 19:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Nimsi+ banana Yehu+ nso, sra no na si no Israel so hene; na sra Safat ba Elisa+ a ɔfiri Abel-Mehola+ no na yɛ no odiyifoɔ ma no nsi w’ananmu.+

  • 2 Ahemfo 3:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Ɛnna Yehosafat kaa sɛ: “Yehowa asɛm wɔ n’anom.” Enti Israel hene ne Yehosafat ne Edom hene kɔɔ ne nkyɛn.

  • 2 Ahemfo 4:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ ne kunu+ sɛ: “Menim sɛ ɔbarima a ɔba yɛn nkyɛn daa yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron.+

  • 2 Ahemfo 6:32
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 32 Ná Elisa te ɔno ara ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn+ na ɔhene no somaa obi dii n’anim kɔɔ hɔ. Ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: “Moahunu sɛ wudini+ ba no asoma sɛ wɔmmɛtwa me ti? Sɛ ɔbɔfoɔ no bɛduru pɛ a, monhwɛ nto pono no mu, na mompia pono no nsi no kwan. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim+ na ɛdi n’akyi yi?”

  • 2 Ahemfo 8:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Ná ɔhene ne nokorɛ Nyankopɔn nipa no somfoɔ Gehasi+ rekasa, na ɔkaa sɛ: “Ka nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ no nyinaa kyerɛ me ɛ.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane