8Ná Elisa adi kan aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne babarima+ no sɛ: “Sɔre na kɔ, wo ne wo fiefoɔ, na kɔyɛ hɔhoɔ baabiara a wobɛnya+ ɛfiri sɛ Yehowa ama ɛkɔm reba,+ na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson.”+
13 “Onipa ba, sɛ asase bi anni nokorɛ na ɛyɛ me bɔne a,+ mɛtene me nsa wɔ so na mabubu dua a wɔde paanoo nkuruwankuruwa sensɛn soɔ no;+ mɛma ɛkɔm+ aba so na matwa onipa ne aboa biara afiri so.”+