3 Ɛnna adiyifoɔ asefoɔ+ a wɔwɔ Betel no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wonim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura a ɔdi w’anim no akɔ?”+ Na ɔkaa sɛ: “Me nso menim.+ Monyɛ komm.”
5 Ɛnna adiyifoɔ asefoɔ a wɔwɔ Yeriko no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wonim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura a ɔdi w’anim no akɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Me nso menim. Monyɛ komm.”+