Genesis 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 W’anim fifire mu na wobɛdidie akɔsi sɛ wobɛsan akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ.+ Woyɛ dɔteɛ na dɔteɛ mu na wobɛsan akorɔ.”+ Hiob 14:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 “Onipa a ɔbaa awo no,+Ne nna yɛ tiaa bi,+ na ɔhaw mee no.+ Dwom 49:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Onipa dasani, sɛ ɔwɔ anidie mpo na ɔnni nteaseɛ+ a,Ɔte sɛ mmoa a wɔsɛe kwa.+ Dwom 73:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Ná menni nteaseɛ, enti manhunu;+Meyɛɛ sɛ aboa, w’ani so.+ 2 Petro 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na mmarima yi a wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn deɛ ara ne sɛ wɔbɛwo wɔn ama wɔakyere wɔn asɛe wɔn no, wɔn na nneɛma a wɔnnim a wɔkasa tia+ no ara nti, wɔbɛfa wɔn ara wɔn sɛeɛ kwan so akɔ ɔsɛeɛ mu,
19 W’anim fifire mu na wobɛdidie akɔsi sɛ wobɛsan akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ.+ Woyɛ dɔteɛ na dɔteɛ mu na wobɛsan akorɔ.”+
12 Na mmarima yi a wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn deɛ ara ne sɛ wɔbɛwo wɔn ama wɔakyere wɔn asɛe wɔn no, wɔn na nneɛma a wɔnnim a wɔkasa tia+ no ara nti, wɔbɛfa wɔn ara wɔn sɛeɛ kwan so akɔ ɔsɛeɛ mu,