Genesis
3 Na ɔwɔ+ yɛ aniteɛ+ sene wuram mmoa a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa.+ Enti ɔbisaa ɔbaa no sɛ:+ “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kaa sɛ monnni turo yi mu dua biara so aba?”+ 2 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Yɛtumi di turo yi mu nnua so aba.+ 3 Na mmom dua a ɛsi turo no mfimfini+ no aba deɛ, Onyankopɔn aka sɛ, ‘Monnni bi, na mommfa mo nsa nnka na moanwu.’”+ 4 Ɛnna ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Ɛnyɛ owuo na mobɛwuo.+ 5 Na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no mo ani bɛbue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahunu papa ne bɔne.”+
6 Afei ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdi bie na wohwɛ a, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛyɛ fɛ.+ Enti ɔtee n’aba no bi na ɔdiiɛ. Akyire yi, berɛ a ne kunu wɔ ne nkyɛn no, ɔde bi maa no na ɔdiiɛ.+ 7 Na wɔn mmienu ani bueeɛ na wɔhunuu sɛ wɔdeda adagya.+ Enti wɔpam borɔdɔma ahahan de kataa wɔn asene.+
8 Afei berɛ a anwummerɛ mframa rebɔ* no, wɔtee Yehowa Nyankopɔn nne+ sɛ ɔnam turo no mu, na onipa no ne ne yere firii Onyankopɔn anim kɔhuntaa turom hɔ nnua no mu.+ 9 Na Yehowa Nyankopɔn frɛɛ onipa no sɛ: “Wowɔ he? Wowɔ he?”+ 10 Na ɔkaa sɛ: “Metee wo nne wɔ turo no mu, nanso na mesuro ɛfiri sɛ na meda adagya, enti mehuntaeɛ.”+ 11 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya?+ Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bie no na woadie no?”+ 12 Na onipa no kaa sɛ: “Ɔbaa a wode no maa me no na ɔmaa me dua no aba no bi diiɛ.”+ 13 Ɛnna Yehowa bisaa ɔbaa no sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Na ɔbaa no buaa sɛ: “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me maa mediiɛ.”+
14 Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ:+ “Deɛ woayɛ yi nti, wɔadome wo afieboa ne wuram mmoa nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛwea na wobɛdi dɔteɛ wo nkwa nna nyinaa.+ 15 Na mede+ ɔtan+ bɛto wo+ ne ɔbaa+ no ntam ne w’aseni*+ ne n’aseni+ ntam. Ɔno+ na ɔbɛbɔ wo+ ti+ na wo+ nso woaka ne+ nantin.”+
16 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Mɛma wo nyinsɛn mu yea mu ayɛ den;+ yea mu na wobɛwo mma,+ w’ani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”+
17 Na ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: “Ɛsiane sɛ woatie wo yere nne na woadi dua a mehyɛɛ wo+ sɛ ‘Nni bie’ no nti, wo nti wɔadome asase.+ Yea mu na wobɛdidi soɔ, wo nkwa nna nyinaa.+ 18 Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛmse na ɛbɛfifire,+ na wobɛdi wuram ahahan. 19 W’anim fifire mu na wobɛdidie akɔsi sɛ wobɛsan akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ.+ Woyɛ dɔteɛ na dɔteɛ mu na wobɛsan akorɔ.”+
20 Yei akyi no Adam too ne yere din Hawa,+ ɛfiri sɛ na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa maame.+ 21 Na Yehowa Nyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntade tenten bi maa Adam ne ne yere hyɛeɛ.+ 22 Na Yehowa Nyankopɔn kaa sɛ: “Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako ahunu papa ne bɔne,+ na afei, deɛ ɛbɛyɛ na wantene ne nsa ankɔte nkwa dua+ no aba no nso bi annie na wantena ase daa nti,—” 23 Ɛno nti Yehowa Nyankopɔn tuu no firii Eden+ turo no mu sɛ ɔnkɔdɔ asase a ɔyii no firii mu no.+ 24 Enti ɔpamoo onipa no na ɔde kerubim+ ne egya nkrantɛ a ɛretwa ne ho kɔwɛn kwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no ano wɔ Eden+ turo no apueeɛ fam.