Genesis
2 Saa na ɛyɛeɛ a wɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne emu nneɛma nyinaa wieeɛ.+ 2 Na ɛduruu da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie biribiara a ɔreyɛ, na da a ɛtɔ so nson no, ɔfirii aseɛ gyee n’ahome firii ne nnwuma a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.+ 3 Na Onyankopɔn firii aseɛ hyiraa da a ɛtɔ so nson no na ɔyɛɛ no kronkron, ɛfiri sɛ saa da no na ɔfirii aseɛ home firii ne nnwuma nyinaa ho. Onyankopɔn bɔɔ biribiara a na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.+
4 Yei ne ɔsoro ne asase mfitiaseɛ ho nsɛm, berɛ a wɔbɔeɛ no, da a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ asase ne ɔsoro no.+
5 Saa berɛ yi, na wura biara nni asase so, na na afifideɛ biara nnya mmaeɛ, ɛfiri sɛ na Yehowa Nyankopɔn ntɔɔ nsuo+ nguu asase so na na onipa biara nni hɔ a ɔbɛdɔ asase no. 6 Nanso na huruhuro+ firi asase so kɔ soro, na ɛfɔ asase ani nyinaa.+
7 Yehowa Nyankopɔn de fam+ dɔteɛ+ nwenee onipa na ɔhuu nkwa home+ guu ne hwene mu, na onipa no bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ.+ 8 Afei Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden+ a ani kyerɛ apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee+ no no kɔtenaeɛ. 9 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn maa nnua a wohwɛ a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ sɛ wɔdie nyinaa bi fifii asase soɔ, ne nkwa dua+ nso wɔ turo no mfimfini ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.+
10 Na asubɔnten bi firi Eden sene bɛfɔɔ turo no, na ɛfiri hɔ paepae yɛɛ nsutire nnan. 11 Deɛ ɛdi kan no de Pison; na atwa Hawila+ asase a sika kɔkɔɔ wɔ soɔ no nyinaa ho ahyia. 12 Na saa asase no so sika no yɛ sika pa.+ Afei na bedola* hyɛ+ ne sohamboɔ+ nso wɔ hɔ. 13 Asubɔnten a ɛtɔ so mmienu no de Gihon, na na atwa Kus asase nyinaa ho ahyia. 14 Asubɔnten a ɛtɔ so mmiɛnsa no de Hidekel,+ na na ɛsene wɔ Asiria+ apueeɛ fam. Na asubɔnten a ɛtɔ so nnan no ne Eufrate.+
15 Yehowa Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden+ turom sɛ ɔnnɔ hɔ na ɔnhwɛ hɔ.+ 16 Na Yehowa Nyankopɔn de ahyɛdeɛ yi nso maa onipa sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi.+ 17 Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni bi, ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, owuo na wobɛwuo.”+
18 Na Yehowa Nyankopɔn de kaa ho sɛ: “Ɛnyɛ sɛ onipa no nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafoɔ ama no, ɔhokafoɔ a ɔfata no.”+ 19 Na Yehowa Nyankopɔn de dɔteɛ nwenee wuram mmoa nyinaa ne wiem ntuboa nyinaa, na ɔde wɔn brɛɛ onipa no sɛ ɔnhwɛ ntoto wɔn nyinaa din, na edin biara a onipa no de frɛɛ ɔkra a ɛte aseɛ biara+ no, ɛno ara na ɛbɛyɛɛ ne din.+ 20 Enti onipa no de nyɛmmoa ne wiem ntuboa ne asase so mmoa nyinaa din frɛfrɛɛ wɔn, nanso onipa no deɛ, na ɔnni ɔboafoɔ a ɔfata no. 21 Enti Yehowa Nyankopɔn maa onipa no daa hatee,+ na ɔyii ne mfe mpadeɛ baako, na ɔde nam hyɛɛ ananmu. 22 Na Yehowa Nyankopɔn firii aseɛ de mpadeɛ a ɔyi firii onipa no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ onipa no.+
23 Ɛnna onipa no kaa sɛ:
“Aa, me nnompe mu dompe
Ne me honam mu nam nie.+
Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbaa,
Ɛfiri sɛ ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.”+
24 Ɛno nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame+ hɔ na wakɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam korɔ.+ 25 Na onipa no ne ne yere tenaa ase a na wɔnhyɛ hwee,+ nanso wɔamfɛre.+