Deuteronomium 20:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Hwan na wayɛ bobeturo a ɔnnya ntee soɔ? Ɔnsan nkɔ ne fie na wankɔwu akono amma obi foforɔ amfa.+ Dwom 128:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ɛfiri sɛ wobɛdi wo nsa ano adwuma.+W’ani bɛgye, na ɛbɛsi wo yie.+ Ɔsɛnkafoɔ 5:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Hwɛ! adeɛ a mahunu sɛ ɛyɛ na ɛyɛ fɛ onipa nkwa nna dodoɔ a nokorɛ Nyankopɔn de ama no mu ne sɛ ɔbɛdidie, na wanom, na wahunu adepa, ne brɛ a ɔbrɛ owia ase nyinaa mu;+ yei ne ne kyɛfa. Yesaia 65:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+ na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.+
18 Hwɛ! adeɛ a mahunu sɛ ɛyɛ na ɛyɛ fɛ onipa nkwa nna dodoɔ a nokorɛ Nyankopɔn de ama no mu ne sɛ ɔbɛdidie, na wanom, na wahunu adepa, ne brɛ a ɔbrɛ owia ase nyinaa mu;+ yei ne ne kyɛfa.
22 Wɔrensi mma obi mmɛtena mu, na wɔrennua mma obi nni. Na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+ na wɔn a mayi wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma amee.+