Ɔsɛnkafoɔ
3 Biribiara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ ato hɔ,
Adwuma biara wɔ ne berɛ wɔ ɔsoro ase:
2 Awoɔ wɔ ne berɛ, ɛnna owuo nso wɔ ne berɛ;
Berɛ a wɔde dua adeɛ wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔde tutu deɛ wɔadua nso wɔ hɔ;
3 Okum wɔ ne berɛ, ɛnna ayaresa nso wɔ ne berɛ;
Berɛ a wɔde bubuo wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔde sie nso wɔ hɔ;
4 Esũ wɔ ne berɛ, ɛnna sereɛ nso wɔ ne berɛ;
Benabɔ wɔ ne berɛ, ɛnna asa* nso wɔ ne berɛ;
5 Berɛ a wɔde to aboɔ gu wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔde boaboa aboɔ ano nso wɔ hɔ;
Berɛ a wɔyɛ atuu wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔnyɛ atuu nso wɔ hɔ;
6 Berɛ a wɔhwehwɛ adeɛ wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔgyae deɛ ayera akyiri die nso wɔ hɔ;
Berɛ a wɔkora adeɛ so wɔ hɔ, ɛnna berɛ a wɔto adeɛ twene nso wɔ hɔ;
7 Berɛ a wɔtete adeɛ mu wɔ hɔ,+ ɛnna berɛ a wɔpam adeɛ nso wɔ hɔ;
8 Ɔdɔ wɔ ne berɛ, ɛnna ɔtan nso wɔ ne berɛ;+
Ɛko wɔ ne berɛ, ɛnna asomdwoeɛ nso wɔ ne berɛ.
9 Ɛdeɛn na odwumayɛni nya firi ne brɛ nyinaa mu?+ 10 Mahunu adwuma a Onyankopɔn de ama nnipa mma sɛ ɛnnye wɔn adwene no. 11 Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛɛfɛ* wɔ ne berɛ mu.+ Ɔde berɛ a ɛnni awieeɛ mpo ahyɛ wɔn akomam, nanso adwuma a nokorɛ Nyankopɔn no ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no, nnipa rentumi nhunu mu nwie da.
12 Mahunu sɛ adepa biara nni hɔ mma nnipa sene sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wɔayɛ adepa wɔ wɔn asetena mu.+ 13 Deɛ ɛka ho bio nso ne sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ n’adwumaden nyinaa mu; ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.+
14 Mahunu sɛ biribiara a nokorɛ Nyankopɔn no yɛ no, ɛbɛtena hɔ daa. Wɔrentumi mfa biribiara nka ho, na wɔrentumi nyi biribiara nso mfiri mu. Nokorɛ Nyankopɔn no na ayɛ no saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛsuro no.+
15 Deɛ aba biara, ebi aba pɛn, na deɛ ɛbɛba biara nso, ebi aba dada;+ nanso nokorɛ Nyankopɔn no hwehwɛ deɛ nnipa adi akyire.*
16 Deɛ masan ahu wɔ wiase nie: Baabi a wɔbu atɛntenenee no, atirimuɔdensɛm na ɛwɔ hɔ, na baabi a wɔdi asɛntenenee no, atirimuɔdensɛm na ɛwɔ hɔ.+ 17 Enti mekaa wɔ m’akomam sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no bɛbu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa atɛn,+ ɛfiri sɛ adwuma biara wɔ ne berɛ, na adeɛ biara nso wɔ berɛ a wɔde yɛ.”
18 Mesan kaa nnipa mma ho asɛm wɔ m’akomam sɛ, nokorɛ Nyankopɔn no bɛsɔ wɔn ahwɛ na wama wɔahu sɛ wɔte sɛ mmoa. 19 Ɛfiri sɛ nnipa awieeɛ wɔ hɔ, ɛnna mmoa nso awieeɛ wɔ hɔ; wɔn nyinaa awieeɛ yɛ baako.+ Sɛdeɛ wei wuo teɛ no, saa ara na wei nso wuo teɛ; na wɔn nyinaa wɔ honhom baako.+ Enti onipa nkyɛn aboa, na adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ. 20 Wɔn nyinaa kɔ faako.+ Wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu,+ na wɔn nyinaa san kɔ dɔteɛ mu.+ 21 Hwan paa na ɔnim sɛ ebia nnipa honhom foro kɔ soro, na aboa honhom deɛ, ɛsiane kɔ asaase ase?+ 22 Mahu sɛ adepa biara nni hɔ sene sɛ onipa bɛnya anigyeɛ afiri n’adwuma mu,+ ɛfiri sɛ ɛno ne n’akatua.* Na ne kɔ akyi no, hwan na ɔbɛtumi ama wahunu deɛ ɛbɛsi wɔ n’akyi?+