Ɔsɛnkafoɔ
2 Ɛnna mekaa no wɔ m’akomam sɛ: “Ma mennye m’ani, na menhwɛ sɛ adepa bɛfiri mu aba a.” Nanso hwɛ! ɛno nso yɛ ahuhudeɛ.
2 Mekaa sereɛ ho asɛm sɛ, “Ɛyɛ abɔdamsɛm!”
Na mekaa anigyeɛ ho asɛm sɛ, “Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?”
3 Medwenee ho wɔ m’akomam sɛ mɛnom nsã.*+ Na saa berɛ no nyinaa, manto me nyansa antwene. Nkwaseasɛm mpo, meyɛɛ no atuu hwɛɛ sɛ mɛhunu adeɛ a ɛyɛ paa a ɛsɛ sɛ onipa de ne nkwa nna kakra a ɔdi wɔ ɔsoro ase no yɛ. 4 Meyeyɛɛ nnwuma akɛseɛ.+ Mesisii adan;+ meyeyɛɛ bobefuo.*+ 5 Meyeyɛɛ nturo nketewa ne akɛseɛ, na meduaa nnua a ɛso aba nyinaa bi wom. 6 Meyeyɛɛ atadeɛ, na mede emu nsuo guguu turom nnua* a ɛrenyini so. 7 Menyaa nkoa ne mfenaa,+ na wɔwoo nkoa* maa me wɔ me fie. Afei nso, menyaa nyɛmmoa bebree, anantwie ne nnwan;+ menyaa bebree senee obiara a ɔdii m’anim wɔ Yerusalem. 8 Meboaboaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ano,+ ahemfo ne ahemman ademudeɛ.+ Meboaboaa mmarima ne mmaa nnwontofoɔ ano. Na deɛ ɛma nnipa mma ani gyeɛ nso, meboaboaa bi ano, ɔbaa, aane, mmaa* bebree. 9 Ɛno nti, meyɛɛ kɛseɛ, na menyaa ahodeɛ pii senee wɔn a wɔdii me kan wɔ Yerusalem nyinaa.+ Na me nyansa nso deɛ, ammɔ me da.
10 Biribiara a me kɔn dɔeɛ no,* mamfa ankame me ho.+ Mamfa anigyeɛ biara ankame m’akoma, ɛfiri sɛ adwumaden a meyɛeɛ nyinaa nti, m’akoma ani gyeeɛ. Ɛno ne akatua a menya firii adwumaden a meyɛeɛ nyinaa mu.+ 11 Nanso berɛ a metenaa ase dwenee adwuma a mede me nsa yɛeɛ nyinaa ne adwumaden a mebrɛ yɛeɛ ho no,+ mehunuu sɛ adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*+ Biribiara nni wiase a mfasoɔ wɔ so.+
12 Afei metwaa m’ani hwɛɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm.+ (Ɛdeɛn koraa na onipa a ɔbɛdi ɔhene akyi aba no bɛtumi ayɛ? Deɛ wɔayɛ dada no ara bi na ɔbɛyɛ.) 13 Na mehunuu sɛ mfasoɔ wɔ nyansa so sene nkwaseasɛm,+ sɛdeɛ mfasoɔ wɔ hann so sene sum no.
14 Onyansafo deɛ, n’ani wɔ ne tirim;*+ na kwasea deɛ, esum mu na ɔnam.+ Mabɛhunu nso sɛ ɛwie wɔn nyinaa pɛ.+ 15 Enti mekaa no m’akomam sɛ: “Deɛ ɛto kwasea no, ɛno ara bi na ɛbɛto me.”+ Ɛnneɛ mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so sɛ mebɛyɛɛ onyansafoɔ pii saa? Enti mekaa no m’akomam sɛ: “Wei nso yɛ ahuhudeɛ.” 16 Onyansafoɔ ne kwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa. Ɛrenni da bi, wɔrenkae obiara bio.+ Na ɛkwan bɛn na onyansafoɔ bɛfa so awuo? Ɔbɛwu te sɛ kwasea ara pɛ.+
17 Enti asetena fonoo me,+ ɛfiri sɛ biribiara a wɔyɛ no wɔ wiase no, mehunuu sɛ ɛyɛ ateetee. Ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ,+ na ɛyɛ ɔbrɛguo.*+ 18 Ɛno nti, adwuma a mebrɛɛ dendeenden yɛɛ wɔ wiase nyinaa,+ na mempɛ animu ahwɛ bio,* ɛfiri sɛ mɛgya hɔ ama onipa a ɔbɛdi m’akyi aba.+ 19 Na hwan na ɔnim sɛ ebia ɔbɛyɛ nyansafoɔ anaa kwasea?+ Nanso nneɛma a mebirii me mogya ani de me nyansa pɛɛ wɔ wiase nyinaa no, ɔbɛfa. Wei nso yɛ ahuhudeɛ. 20 Enti mefirii aseɛ dii awerɛhoɔ wɔ m’akomam ɛsiane adwumaden a mebrɛ yɛɛ wɔ wiase no nyinaa nti. 21 Ɛfiri sɛ onipa bɛtumi de ne nyansa ne ne nimdeɛ ne n’adwene ayɛ adwumaden, nanso ɔbɛgya ne nyinaa ama* obi a wammrɛ ho.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ ne awerɛhosɛm kɛseɛ.*
22 Adwumaden a onipa yɛ nyinaa, ne adwuma a n’akoma piapia no ma ɔbiri ne mogya ani yɛ wɔ wiase no, ɛdeɛn koraa na ɔbɛnya afiri mu?+ 23 Ɛfiri sɛ ne nna nyinaa, n’adwuma ma ɔfa ɛyea ne ateetee mu,+ na sɛ ɛduru anadwo mpo a, n’akoma nnye n’ahome.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ.
24 Adepa biara nni hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ* afiri n’adwumaden mu.+ Wei nso mahunu sɛ ɛfiri nokorɛ Nyankopɔn no nsam.+ 25 Na hwan na ɔdidi na ɔnom yie sene me?+
26 Onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ.+ Na ɔbɔnefoɔ deɛ, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*