Dwom 49:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɔhu sɛ anyansafoɔ mpo wuwu;Ɔkwasea ne deɛ ɔnni adwene nyinaa sɛe,+Na deɛ ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛgyaa wɔn ahonyadeɛ ama ebinom.+ Ɔsɛnkafoɔ 1:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na mehuu nnwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa,Na hwɛ! Adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*+ Ɔsɛnkafoɔ 2:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Onyansafoɔ ne kwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa. Ɛrenni da bi, wɔrenkae obiara bio.+ Na ɛkwan bɛn na onyansafoɔ bɛfa so awuo? Ɔbɛwu te sɛ kwasea ara pɛ.+ 1 Timoteo 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛfiri sɛ yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfiri mu nkɔ.+
10 Ɔhu sɛ anyansafoɔ mpo wuwu;Ɔkwasea ne deɛ ɔnni adwene nyinaa sɛe,+Na deɛ ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛgyaa wɔn ahonyadeɛ ama ebinom.+
16 Onyansafoɔ ne kwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa. Ɛrenni da bi, wɔrenkae obiara bio.+ Na ɛkwan bɛn na onyansafoɔ bɛfa so awuo? Ɔbɛwu te sɛ kwasea ara pɛ.+