Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 39:5, 6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Anokwa, woama me nna ayɛ kakraa bi;*+

      Na me nkwa nna nyɛ hwee wɔ w’ani so.+

      Ampa, yɛhu onipa a ɛte sɛ deɛ ɛrekɔ yie ma no mpo a, ɔte sɛ hwenem mframa kɛkɛ.+ (Sela)

       6 Ampa, onipa biara nam sɛ sunsum.

      Ɔpere ne ho* kwa.

      Ɔboaboa ahodeɛ ano, nanso ɔnnim deɛ ɛbɛkɔ akɔdi ne nsam.+

  • Ɔsɛnkafoɔ 2:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Nanso berɛ a metenaa ase dwenee adwuma a mede me nsa yɛeɛ nyinaa ne adwumaden a mebrɛ yɛeɛ ho no,+ mehunuu sɛ adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*+ Biribiara nni wiase a mfasoɔ wɔ so.+

  • Ɔsɛnkafoɔ 2:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Ɛno nti, adwuma a mebrɛɛ dendeenden yɛɛ wɔ wiase nyinaa,+ na mempɛ animu ahwɛ bio,* ɛfiri sɛ mɛgya hɔ ama onipa a ɔbɛdi m’akyi aba.+

  • Ɔsɛnkafoɔ 2:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 Onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ.+ Na ɔbɔnefoɔ deɛ, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*

  • Luka 12:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ adufudepɛ* biara ho,+ ɛfiri sɛ sɛ onipa nya agyapadeɛ ma ɛbu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane