-
Ɔsɛnkafoɔ 2:4-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Meyeyɛɛ nnwuma akɛseɛ.+ Mesisii adan;+ meyeyɛɛ bobefuo.*+ 5 Meyeyɛɛ nturo nketewa ne akɛseɛ, na meduaa nnua a ɛso aba nyinaa bi wom. 6 Meyeyɛɛ atadeɛ, na mede emu nsuo guguu turom nnua* a ɛrenyini so. 7 Menyaa nkoa ne mfenaa,+ na wɔwoo nkoa* maa me wɔ me fie. Afei nso, menyaa nyɛmmoa bebree, anantwie ne nnwan;+ menyaa bebree senee obiara a ɔdii m’anim wɔ Yerusalem. 8 Meboaboaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ano,+ ahemfo ne ahemman ademudeɛ.+ Meboaboaa mmarima ne mmaa nnwontofoɔ ano. Na deɛ ɛma nnipa mma ani gyeɛ nso, meboaboaa bi ano, ɔbaa, aane, mmaa* bebree.
-