-
1 Ahemfo 9:17-19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Solomon san kyekyeree Geser, Anaafoɔ Bet-Horon,*+ 18 Baalat,+ ne Tamar a ɛwɔ serɛ so wɔ n’asaase so, 19 na Solomon adekora nkuro nyinaa, nteaseɛnam nkuro,+ nkuro a ɔkyekyere maa ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɛdan biara a Solomon pɛɛ sɛ ɔsi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a ɔdi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma.
-
-
2 Berɛsosɛm 9:15, 16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Ɔhene Solomon de sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra yɛɛ akyɛm akɛseɛ 200+ (ɔde sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra a emu duro yɛ nnwetɛbena* 600 guu akyɛm no biara ho),+ 16 na ɔde sika kɔkɔɔ a wɔde dadeɛ afra yɛɛ akyɛm nketewa* 300 (ɔde sika kɔkɔɔ mmɛnnaa* mmiɛnsa guu saa akyɛm no biara ho). Afei ɔhene de guu Lebanon Kwaeɛfie+ hɔ.
-