-
Ɔsɛnkafoɔ 5:18, 19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Biribi wɔ hɔ a mahunu sɛ ɛyɛ na ɛfata. Ɛno ne sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ afiri adwumaden a ɔbrɛ ne ho yɛ+ wɔ wiase no mu, adwumaden a ɔyɛ wɔ ne nkwa nna kakra a nokorɛ Nyankopɔn no de ama no no nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛno ne n’akatua.*+ 19 Bio nso, sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ma onipa nya sika ne ahonyadeɛ,+ na ɔma no tumi de gye n’ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔ n’akatua* no mu na ɔma n’ani gye n’adwumaden mu. Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.+
-