27 Na berɛ a awia kɔtɔeɛ no, Yosua maa wɔyii wɔn firii nnua no so,+ na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhyɛɛ mu no mu. Na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano bɛsi nnɛ.
7 Ɛdan no ara deɛ, berɛ a wɔresie no, wɔde aboɔ a wɔapae+ ayɛ ho biribiara awie na ɛsiiɛ; berɛ a wɔresi dan no, wɔante asaeɛ anaa akuma anaa nnadeɛ biara nka wɔ fie hɔ.+