Genesis 24:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ma no mmra sɛ ababaa a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo soɛ w’ahina na ma me nsuo no bi nnom’ a ɔbɛka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ no, ɔnyɛ ɔbaa a woayi no ama w’akoa+ Isak; na memfa yei so nhunu sɛ woayi adɔeɛ adi akyerɛ me wura.”+ Genesis 28:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Sɔre kɔ Padan-Aram, wo maame papa Betuel fie, na ware wo wɔfa Laban mma mmaa no baako.+ Mmebusɛm 18:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Woanya ɔyere pa+ anaa? Ɛnneɛ woanya adepa,+ woanya Yehowa anim adom.+ Mmebusɛm 31:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya?+ Ne boɔ yɛ den sene nhwene pa koraa.
14 Ma no mmra sɛ ababaa a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo soɛ w’ahina na ma me nsuo no bi nnom’ a ɔbɛka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ no, ɔnyɛ ɔbaa a woayi no ama w’akoa+ Isak; na memfa yei so nhunu sɛ woayi adɔeɛ adi akyerɛ me wura.”+