1 Samuel 25:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛhɔ ara na Abigail+ yɛɛ ntɛm faa paanoo ahanu ne bobesa+ nsuhina mmienu ne nnwan nnum a wɔasiesie,+ ne nkyeweɛ+ susukoraa nnum, ne bobe taterɛ+ ɔha, ne borɔdɔma aba a wɔabɔ no ntoantoa+ ahanu, na ɔde soaa mfunumu. Mmebusɛm 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔdom ɔbrɛfoɔ no de fɛm Yehowa,+ na deɛ ɔde ama no, Ɔbɛtua no ka.+ Mmebusɛm 22:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Deɛ ɔhu mmɔbɔ no bɛnya nhyira, ɛfiri sɛ ɔde aduane ma ohiani.+ Asomafoɔ Nnwuma 9:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Ná osuani bi wɔ Yopa+ a wɔfrɛ no Tabita, a sɛ wɔkyerɛ aseɛ a, ɛkyerɛ Dorka.* Ná nnwuma pa+ ne adɔeɛ ayɛ no ma. Efesofoɔ 4:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Mma ɔkorɔmfoɔ nnwia adeɛ bio,+ na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa,+ na ama wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ahia no.+ 1 Timoteo 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 na mmom deɛ ɛfata mmaa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn,+ wɔ nnwuma pa+ mu. Hebrifoɔ 13:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+
18 Ɛhɔ ara na Abigail+ yɛɛ ntɛm faa paanoo ahanu ne bobesa+ nsuhina mmienu ne nnwan nnum a wɔasiesie,+ ne nkyeweɛ+ susukoraa nnum, ne bobe taterɛ+ ɔha, ne borɔdɔma aba a wɔabɔ no ntoantoa+ ahanu, na ɔde soaa mfunumu.
36 Ná osuani bi wɔ Yopa+ a wɔfrɛ no Tabita, a sɛ wɔkyerɛ aseɛ a, ɛkyerɛ Dorka.* Ná nnwuma pa+ ne adɔeɛ ayɛ no ma.
28 Mma ɔkorɔmfoɔ nnwia adeɛ bio,+ na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa,+ na ama wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ahia no.+
16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+