23 Ɛnna ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka ɔrennye yɛn nsam ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no,+ na anka ɔremma yɛnhunu yeinom nyinaa, na anka ɔremma yɛnte biribi a ɛte sei nso.”+
31 Mma me wura nnhwie mogya nngu kwa,+ na wo ara woamfa wo nsa antɔ werɛ+ anyɛ biribi anha w’ahonim, na anto me wura akoma suntidua. Yehowa bɛyɛ me wura yie, na ɛyɛ a kae+ w’afenaa.”
8 Sɛ manya ɔhene anim+ adom na ɔhene bɛpene so ayɛ deɛ mesrɛ na mehia ama me a, anka ɔhene ne Haman mmra pono a mɛto ama wɔn ɔkyena no ase, na ɔkyena mɛyɛ deɛ ɔhene aka no.”+
26 Na onipa yi firii aseɛ de akokoɔduro kasaa wɔ hyiadan no mu. Berɛ a Priskila ne Akwila+ tee deɛ ɔreka no, wɔfaa no kaa wɔn ho kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pefee kyerɛɛ no.