Atemmufoɔ
13 Israelfoɔ firii aseɛ yɛɛ bɔne bio wɔ Yehowa ani so,+ enti Yehowa de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ+ nsa mfeɛ aduanan.
2 Saa berɛ no na ɔbarima bi wɔ Sora+ a ɔfiri Dan abusuakuo+ mu a ne din de Manoa.+ Ná ne yere yɛ bonini a ɔnwoɔ.+ 3 Da bi Yehowa bɔfoɔ baa ɔbaa no nkyɛn+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, woyɛ bonini a wonwoɔ, nanso wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima.+ 4 Hwɛ na woannom bobesa anaa mmosã biara,+ na nni biribiara a ɛho nteɛ.+ 5 Hwɛ, wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima, na ɛnsɛ sɛ yiwan ka ne ti,+ ɛfiri sɛ sɛ abɔfra no nya firi yafunu mu pɛ+ a, ɔbɛyɛ Nasirini+ ama Onyankopɔn. Na ɔno na ɔbɛdi animu agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”+
6 Ɛnna ɔbaa no kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ sɛ: “Hwɛ, nokorɛ Nyankopɔn nipa bi baa me nkyɛn. Ne su te sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ,+ na ne ho yɛ hu paa.+ Nanso mammisa no baabi a ɔfire, na wammɔ ne din ankyerɛ me.+ 7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima.+ Na hwɛ na woannom bobesa anaa mmosã biara, na nni biribiara a ɛho nteɛ, ɛfiri sɛ sɛ abɔfra no nya firi yafunu mu pɛ a, ɔbɛyɛ Nasirini ama Onyankopɔn akɔsi ne wuda.’”+
8 Ɛnna Manoa bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo,+ ma nokorɛ Nyankopɔn nipa a wosomaa no no nsan mmra, na ɔmmɛkyerɛ+ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a yɛbɛwo no no.”+ 9 Na nokorɛ Nyankopɔn no tiee Manoa,+ na berɛ a ɔbaa no wɔ wuram no, nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ no san baa ne nkyɛn. Saa berɛ no na ne kunu Manoa nni ne nkyɛn. 10 Na ntɛm ara na ɔbaa no tuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu+ sɛ: “Hwɛ, ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no asan aba!”+
11 Manoa tee saa no, ɔsɔre dii ne yere akyi baa ɔbarima no nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: “Wone ɔbarima a wo ne ɔbaa yi kasaeɛ no?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” 12 Ɛnna Manoa kaa sɛ: “Deɛ woaka no mmra mu. Na abɔfra no asetena bɛyɛ sɛn, na ɛdeɛn na ɔbɛyɛ?”+ 13 Na Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: “Biribiara a maka akyerɛ ɔbaa no, ɔnhwɛ nni so.+ 14 Ɛnsɛ sɛ ɔde biribiara a ɛfiri bobe mu ka n’ano. Ɔnnnom bobesa anaa mmosã biara,+ na ɔnnni biribiara a ɛho nteɛ.+ Deɛ maka akyerɛ no nyinaa, ɔnhwɛ nni so.”+
15 Afei Manoa ka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, twɛn ma yɛmpɛ abirekyie kumaa bi nyɛ aduane mma wo.”+ 16 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: “Sɛ wogye me ka ha mpo a, meremfa w’aduane no bi nka m’ano; nanso sɛ wopɛ sɛ wobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Yehowa+ a, wobɛtumi abɔ.” Saa berɛ yi nyinaa na Manoa nnim sɛ ɔyɛ Yehowa bɔfoɔ. 17 Afei Manoa ka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Mepɛ sɛ mehunu wo din+ na sɛ deɛ woaka yi nyinaa ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam.” 18 Na Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wopɛ sɛ wohunu me din? Me din yɛ nwanwa.”
19 Enti Manoa faa abirekyie kumaa bi ne aduane kɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔbotan no so maa Yehowa,+ na ɔyɛɛ anwanwadeɛ maa Manoa ne ne yere de wɔn ani hunuiɛ. 20 Afei berɛ a gyaframa firi afɔrebukyia no so rekɔ soro no, Yehowa bɔfoɔ no faa gyaframa no mu foro kɔɔ soro. Manoa ne ne yere hwɛɛ deɛ ɛrekɔ soɔ,+ na wɔde wɔn anim butubutuu fam.+ 21 Yehowa bɔfoɔ no ansan amma Manoa ne ne yere nkyɛn bio. Afei Manoa hunuu sɛ ɔyɛ Yehowa bɔfoɔ.+ 22 Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Ɛkwan biara so yɛbɛwu,+ ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ahunu Onyankopɔn.”+ 23 Ɛnna ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka ɔrennye yɛn nsam ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no,+ na anka ɔremma yɛnhunu yeinom nyinaa, na anka ɔremma yɛnte biribi a ɛte sei nso.”+
24 Akyire yi ɔbaa no woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Samson.+ Abɔfra no nyiniiɛ, na Yehowa kɔɔ so hyiraa no.+ 25 Na Yehowa honhom+ baa ne so Mahane-Dan+ wɔ Sora+ ne Estaol+ ntam.