Genesis 16:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Akyire yi Yehowa bɔfoɔ+ hunuu no abura bi ho wɔ Sur+ kwan so wɔ serɛ so. Genesis 16:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Afei ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wohunu adeɛ.”+ Na ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhu me no na me nso mahu no yi?” Genesis 32:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Afei na aka Yakob nko ara, na ɔbarima bi ne no bɛtentameeɛ kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.+ Genesis 32:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Mahunu Onyankopɔn animu ne animu, nanso manya me tiri adidi mu.”+ Exodus 33:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɔde kaa ho sɛ: “Worentumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa biara renhunu m’anim nnya nkwa.”+ Yohane 1:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Onipa biara nni hɔ a wahunu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no korɔ a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+
13 Afei ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wohunu adeɛ.”+ Na ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhu me no na me nso mahu no yi?”
30 Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Mahunu Onyankopɔn animu ne animu, nanso manya me tiri adidi mu.”+
18 Onipa biara nni hɔ a wahunu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no korɔ a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+