11 Ɛnna nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuro no pono ano ne mpanimfoɔ no nyinaa kaa sɛ: “Yɛyɛ adansefoɔ! Yehowa mma ɔbaa a ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel+ ne Lea+ a wɔn mmienu akyekyere Israel fie+ no; yɛ onipa a ɔdi mu wɔ Efrata+ na nya din pa wɔ Betlehem.+
19 Enti Bat-Seba kɔɔ Ɔhene Solomon nkyɛn sɛ ɔrekɔka Adoniya+ asɛm no akyerɛ no. Ntɛm ara na ɔhene sɔre+ kɔhyiaa no, na ɔhene bɔɔ ne mu ase maa no.+ Afei ɔkɔtenaa n’ahennwa so, na ɔhene maa wɔde akonnwa bɛsii hɔ maa ne maame maa no tenaa ne nifa so.+