Hiob
4 Momma yɛnhwehwɛ nsɛm mu;
Na yɛnhunu deɛ ɛyɛ wɔ yɛn ntam.
10 Enti mo a mowɔ nteaseɛ akoma,+ montie me.
Ɛmpare nokorɛ Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne,+
Ne adeɛ nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛntene!+
11 Sɛdeɛ ɔbarima nneyɛɛ teɛ na ɔbɛtua no ka,+
Na sɛdeɛ onipa kwan teɛ no, saa ara na ɔbɛma aba ne soɔ.
13 Hwan na ɔde wiase hyɛɛ ne nsa,
Na hwan na ɔde asase nyinaa maa no?
14 Sɛ ɔde n’ani si obi so,
Na ɔboaboa onii no honhom ne ne home ba ne nkyɛn a,+
15 Honam nyinaa bɛgyaa mu,
Na ɔdasani asan akɔ dɔteɛ mu.+
16 Enti sɛ wowɔ nteaseɛ a, tie yei;
Yɛ asõ tie me nsɛm.
18 Obi bɛtumi aka akyerɛ ɔhene sɛ, ‘Woyɛ ohuhuni’?
Na ɔbɛtumi aka akyerɛ atitire sɛ, ‘Moyɛ nnebɔneyɛfoɔ’?+
19 Yɛwɔ Obi a ɔnhwɛ akunini anim
Na ɔmmu otitire nsene ɔbrɛfoɔ,+
Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.+
20 Ɛnkyɛ na wɔawuwu,+ anadwo dasuom;+
Wɔwoso biribiri, na wɔtwam kɔ,
Na atumfoɔ twam a nsa biara nka wɔn.+
23 Ɔnhyɛ berɛ mma onipa biara
Sɛ ɔnkɔ Onyankopɔn anim, atemmuo mu.
26 Ɔbobɔ wɔn sɛ nnebɔneyɛfoɔ
Wɔ nnipa anim;+
27 Ɛfiri sɛ wɔagyae n’akyiridie,+
Na wɔansusu n’akwan mu biara ho,+
28 Na ɛma ɔbrɛfoɔ sufrɛ duru n’aso mu;
Na ɔtie mmɔborɔni sufrɛ.+
29 Sɛ ɔma kommyɛ ba a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ?
Na sɛ ɔde n’anim hunta+ a, hwan na ɔbɛtumi ahu no?
Sɛ ɔde hunta ɔman+ oo, sɛ ɔde hunta onipa oo, ne nyinaa adekorɔ no ara.
31 Obi wɔ hɔ a ɔbɛtumi aka akyerɛ Onyankopɔn sɛ,
‘Amanehunu ato me berɛ a mennii mfomsoɔ;+
32 Me deɛ, menhunu deɛ mayɛ, enti wo ara kyerɛ me;
Sɛ mayɛ bɔne bi a,
Merenyɛ bio’?+
33 Ɔbɛhyɛ w’ananmu sɛdeɛ wopɛ, berɛ a woapo atemmuo yi?
Ɛfiri sɛ wo na wopɛ no saa, na ɛnyɛ me.
Sɛ wonim biribi a, kasa.