Exodus 22:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 “Nka Onyankopɔn ho abususɛm+ biara, na nnome wo man mu panin+ biara. Mmebusɛm 17:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Bio nso, ɛmfata sɛ wɔbɛbɔ ɔteneneeni ka.+ Ɛntene sɛ wɔbɛhwe ɔdehyeɛ.+ Ɔsɛnkafoɔ 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 ɛfiri sɛ ɔhene anom asɛm na ɛwɔ tumi;+ na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’” Ɔsɛnkafoɔ 10:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Nnome ɔhene+ wo pia mu, na nnome ɔdefoɔ+ bi wɔ dan a woda mu mu; ɛfiri sɛ aboa a ɔtu fa wiem de bɛkɔ, na ntakraboa bɛkɔ akɔka asɛm no.+
20 Nnome ɔhene+ wo pia mu, na nnome ɔdefoɔ+ bi wɔ dan a woda mu mu; ɛfiri sɛ aboa a ɔtu fa wiem de bɛkɔ, na ntakraboa bɛkɔ akɔka asɛm no.+