Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Berɛsosɛm 28:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 “Na wo, me ba Solomon, hunu+ Onyankopɔn a wo papa som+ no no, na fa akoma+ a ɛdi mũ ne ɔkra+ mu anigyeɛ som no; ɛfiri sɛ Yehowa hwehwɛ akoma nyinaa mu,+ na ɔhunu emu adwene nyinaa.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wogya no a,+ ɔno nso bɛto wo atwene koraa.+

  • Dwom 62:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Adɔeɛ nso yɛ wo dea, O Yehowa,+

      Na wo na wotua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+

  • Mmebusɛm 24:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Sɛ woka sɛ: “Hwɛ! Ná yɛnnim yei”+ a, so deɛ ɔkari akoma no renhunu,+ na deɛ ɔhwɛ wo kra no, ɔrenhunu,+ na ɔrentua ɔdasani ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ anaa?+

  • Yeremia 32:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Wo na wosõ, afotuo+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ so aba teɛ.+

  • Hesekiel 33:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 “Na moka sɛ, ‘Yehowa akwan ntene.’+ Nanso Israel fie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ n’akwan teɛ.”+

  • Mateo 16:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Ɛtwa sɛ onipa Ba no ba n’Agya animuonyam mu a n’abɔfoɔ ka ne ho, na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.+

  • Romafoɔ 2:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ:+

  • 2 Korintofoɔ 5:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Na ɛtwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmuo adwa anim,+ na obiara anya deɛ ɔnam nipadua no so yɛeɛ ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+

  • Galatifoɔ 6:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wɔsi no atwetweɛ.+ Na deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa;+

  • 1 Petro 1:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra berɛ a mode te ase sɛ ahɔhoɔ no.+

  • Adiyisɛm 22:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 “‘Hwɛ! mereba ntɛm,+ na mewɔ akatua+ wɔ me nkyɛn a mede bɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane