7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔteɛ ne ne tenten ne ne kɛseɛ,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ,+ ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa,+ na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+
17 O me Nyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ m’akomam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ama m’ani agye.