Mmebusɛm 11:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Akoma mu kɔntɔnkyefoɔ yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ ma n’ani gye.+ Mmebusɛm 15:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na teefoɔ mpaebɔ na n’ani gye ho.+ Asomafoɔ Nnwuma 24:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Enti berɛ nyinaa mehwɛ hunu+ sɛ merenyɛ bɔne biara ntia Onyankopɔn ne nnipa. Hebrifoɔ 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wodɔɔ tenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa+ wo senee wo mfɛfoɔ+ no.”
9 Wodɔɔ tenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa+ wo senee wo mfɛfoɔ+ no.”