Dwom 10:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ahobrɛasefoɔ sufrɛ deɛ, O Yehowa, wobɛtie.+Wobɛsiesie wɔn akoma.+Wobɛyɛ aso,+ Hebrifoɔ 5:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Berɛ a Kristo wɔ honam mu no, ɔnam nteamu a emu yɛ den+ ne nisuo so de adesrɛ ne nkotɔsrɛ+ baa Deɛ na ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim, na ne nyamesuro+ nti, wɔtiee no. Yakobo 5:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔteneneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+ 1 Petro 3:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+ 1 Yohane 3:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 na biribiara a yɛbisa no,+ yɛnya firi ne hɔ, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.+
7 Berɛ a Kristo wɔ honam mu no, ɔnam nteamu a emu yɛ den+ ne nisuo so de adesrɛ ne nkotɔsrɛ+ baa Deɛ na ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim, na ne nyamesuro+ nti, wɔtiee no.
16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔteneneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+
12 Na Yehowa ani+ wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+