1 Samuel 16:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔteɛ ne ne tenten ne ne kɛseɛ,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ,+ ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa,+ na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+ Mmebusɛm 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Onipa akwan da Yehowa anim,+ na ɔkari n’akwan nyinaa.+ Mmebusɛm 17:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔnanefoɔ kukuo wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika,+ na Yehowa na ɔhwehwɛ akoma mu.+ Mmebusɛm 21:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Onipa akwan nyinaa tene wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari akoma.+
7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔteɛ ne ne tenten ne ne kɛseɛ,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ,+ ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa,+ na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+