7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔteɛ ne ne tenten ne ne kɛseɛ,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ,+ ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa,+ na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+
12 Sɛ woka sɛ: “Hwɛ! Ná yɛnnim yei”+ a, so deɛ ɔkari akoma no renhunu,+ na deɛ ɔhwɛ wo kra no, ɔrenhunu,+ na ɔrentua ɔdasani ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ anaa?+