Exodus 34:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.”+ Dwom 62:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Adɔeɛ nso yɛ wo dea, O Yehowa,+Na wo na wotua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+ Ɔsɛnkafoɔ 12:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Adwuma biara, deɛ ahunta nyinaa, papa oo, bɔne oo, nokorɛ Nyankopɔn no bɛbu ho atɛn.+ Yeremia 17:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ akoma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan+ ne ne nneyɛɛ teɛ.+ Mateo 12:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Mese mo sɛ asɛm biara a mfasoɔ nni soɔ a nnipa ka no, wɔbɛbu ho akonta+ Atemmu Da no; Romafoɔ 2:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ:+
7 Ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.”+
10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ akoma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan+ ne ne nneyɛɛ teɛ.+