Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 23:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 “Nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani, na ɛma ɔteneneeni sesa n’ano.+

  • Deuteronomium 16:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani,+ na ɛtumi ma ateneneefoɔ sesa wɔn ano.

  • Dwom 15:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho,+

      Na ɔnnye deɛ ne ho nni asɛm nkyɛn adanmudeɛ.+

      Deɛ ɔyɛ yeinom nyinaa no, ɔrenhinhim da biara da.+

  • Dwom 26:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Wɔn na ahohwibra+ wɔ wɔn nsam

      Na adanmudeɛ+ ayɛ wɔn nsa nifa ma.

  • Mmebusɛm 29:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Ɔhene de atɛntenenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ɔgyegye adanmudeɛ dwiri gu.+

  • Yesaia 1:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 W’atumfoɔ asene wɔn kɔn na wɔne akorɔmfoɔ na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmudeɛ,+ na wɔtĩ akyɛdeɛ.+ Wɔnni agyanka asɛm mma no, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.+

  • Yesaia 33:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 “Deɛ ɔnam tenenee kwan so+ daa a ɔka deɛ ɛtene,+ deɛ ɔkyiri apoobɔ sika,+ deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ adanmudeɛ mu,+ deɛ ɔsi n’aso na ante mogyahwieguo, deɛ ɔkata n’ani na anhunu bɔne.+

  • Mika 3:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,+ na emu asɔfoɔ kyerɛkyerɛ gye akatua,+ na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm;+ nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so ka sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na ɔwɔ yɛn mu yi?+ Mmusuo biara remma yɛn so.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane