Yesaia
31 Wɔn a wɔkɔ Egypt kɔgye mmoa+ no nnue. Wɔn na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ kɛkɛ so+ na wɔde wɔn werɛ hyɛ nteaseɛnam mu,+ ɛfiri sɛ ɛdɔɔso; na wɔn ani da apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den paa. Na Israel Kronkronni no deɛ, wɔnhuu no, na Yehowa deɛ, wɔnhwehwɛɛ n’akyiri kwan.+ 2 Ɔno nso nim nyansa,+ na ɔde amanehunu bɛba,+ ɛfiri sɛ ɔntwee n’asɛm nsaneeɛ.+ Ɔbɛsɔre atia nnebɔneyɛfoɔ fie+ ne mmoa a amumuyɔfoɔ hwehwɛ no.+
3 Hwɛ, Egyptfoɔ no yɛ nnipa,+ wɔnyɛ Onyankopɔn; na wɔn apɔnkɔ no nso yɛ honam,+ ɛnyɛ honhom. Yehowa bɛtene ne nsa na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wanya mmoa no ahwe ase.+ Wɔn nyinaa awieeɛ bɛba prɛko.
4 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Sɛdeɛ gyata pɔ so na gyatanini+ bobom berɛ a wakye aboa, a nnwanhwɛfoɔ pii nteateamu mmɔ no hu, na wɔn dede mmrɛ no aseɛ no, saa ara na asafo Yehowa bɛba abɛko ama Bepɔ Sion ne ne kokoɔ no.+ 5 Asafo Yehowa bɛko ama Yerusalem sɛ anomaa a watu nam wiem.+ Ɔbɛko ama no, ɔbɛgye no;+ ɔbɛkora ne so, ɔbɛma no anya ne tiri adidi mu.”
6 “Israel mma, monsan mmra+ deɛ mosɔre tiaa no+ no nkyɛn. 7 Saa da no, obiara bɛto ne dwetɛ anyamehunu ne ne sika anyamehuhuo+ a mode mo nsa ayɛ a awie mo bɔne no agu.+ 8 Na Asiriani no bɛtɔ nkrantɛ ano, nanso ɛnyɛ onipa deɛ; na nkrantɛ a ɛnyɛ ɔdasani deɛ bɛsɛe no.+ Na nkrantɛ no nti, ɔbɛdwane, na wɔde ne mmeranteɛ bɛyɛ nkoadwuma. 9 Na ne botan no de ehu bɛtwam akɔ, na ahyɛnsodeɛ+ no nti ne mpanimfoɔ akoma bɛtu.” Yehowa a ne hann wɔ Sion na ne fononoo+ wɔ Yerusalem no anom asɛm nie.