Yesaia
31 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Egypt kɔpɛ mmoa,+
Na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,+
Na wɔde wɔn werɛ hyɛ ɛko nteaseɛnam mu ɛsiane sɛ ɛdɔɔso nti,
Na wɔde wɔn werɛ hyɛ apɔnkɔ a wɔde kɔ ɛko* mu ɛsiane sɛ wɔn ho yɛ den nti.
Nanso Israel Kronkronni no deɛ, wɔmfa wɔn ho nto ne so,
Na wɔnhwehwɛ Yehowa akyiri akwan.
2 Nanso ɔnim nyansa, na ɔde amanehunu bɛba,
Na deɛ waka no, ɔrentwe nsan.
Ɔbɛsɔre atia nnebɔneyɛfoɔ fie
Ne wɔn a wɔboa abɔnefoɔ.+
Sɛ Yehowa tene ne nsa a,
Ɔboafoɔ biara bɛwatiri,
Na obiara a wɔaboa no no bɛhwe ase;
Wɔn nyinaa bɛbom asɛe.
4 Na deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie:
“Sɛ gyata, gyata* a ne ho yɛ den kye aboa a, ɔbobom.
Na sɛ wɔfrɛfrɛ nnwanhwɛfoɔ pii sɛ wɔmmɛpamo no a,
Wɔn nteateamu mmɔ no hu,
Na wɔn dede nhunahuna no.
Saa ara na asafo Yehowa bɛba abɛko
Ama Sion Bepɔ ne ne kokoɔ no.
5 Sɛdeɛ nnomaa to hoo no, saa ara na Asafo Yehowa bɛko ama Yerusalem.+
Ɔbɛko ama no, na wagye no nkwa.
Ɔde ne ho bɛkyɛ no, na wagye no.”
6 “O Israelfoɔ, monsan mmra Deɛ mohyɛɛ da sɔre tiaa no no nkyɛn.+ 7 Ɛfiri sɛ saa da no, dwetɛ anyamehunu ne sika kɔkɔɔ anyame a mfasoɔ nni so a mode mo nsa ayɛ ama moayɛ bɔne no, obiara bɛto ne deɛ agu.
Sekan no nti, ɔbɛdwane,
Na wɔde ne mmeranteɛ bɛyɛ nkoadwuma.