17Ɛnna Tisbini Elia+ a ɔfiri Gileadfoɔ+ mu bɛka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a megyina n’anim+ no te aseɛ+ yi, bosuo anaa nsuo rentɔ+ mfeɛ yi mu gye sɛ makasa!”+
13 Yehowa nam n’adiyifoɔ+ nyinaa ne adehunufoɔ+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnane mfiri mo akwammɔne ho,+ na monni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛdeɛ+ so sɛdeɛ mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifoɔ so de brɛɛ mo+ no teɛ”;