Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Ahemfo 17:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Kukuo no mu esiam no ansa, na ahina no mu ngo no nso ansa,+ sɛdeɛ Yehowa nam Elia so kaeɛ no.

  • 1 Ahemfo 17:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Na Yehowa tiee Elia nne,+ enti abɔfra no kra san baa ne mu, na ɔbaa nkwa mu.+

  • 1 Ahemfo 18:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Berɛ a aduane afɔdeɛ berɛ+ duruiɛ no, Elia twe bɛn afɔrebukyia no, na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Abraham+ ne Isak+ ne Israel+ Nyankopɔn, ɛnnɛ ma wɔnhunu sɛ wone Onyankopɔn wɔ Israel,+ na me nso meyɛ w’akoa, na w’asɛm+ so na menam ayɛ yeinom nyinaa.

  • 1 Ahemfo 18:46
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 46 Ná Yehowa nsa wɔ Elia so,+ enti ɔkyekyeree n’asene+ tuu mmirika kɔsianee Ahab ho kɔduruu Yesreel.+

  • 2 Ahemfo 2:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Ɛnna Elia yii n’atadeɛ,+ na ɔbobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na nsuo no mu paee nkakrankakra kɔɔ ha ne ha maa wɔn mmienu no faa asase kesee so twaeɛ.+

  • 2 Ahemfo 2:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Berɛ a wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ! egya teaseɛnam+ ne egya apɔnkɔ bɛtetee wɔn mmienu ntam, na Elia faa ahum mu kɔɔ soro.+

  • 2 Berɛsosɛm 21:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Akyire yi ɔnyaa krataa+ firii odiyifoɔ Elia+ hɔ sɛ: “Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka nie, ‘Ɛsiane sɛ woannante wo papa Yehosafat+ ne Yuda hene Asa+ akwan soɔ,

  • Luka 1:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Afei nso, ɔde Elia+ honhom ne ne tumi bɛdi n’anim, de adane agyanom akoma+ aba mma so ne asoɔdenfoɔ aba ateneneefoɔ nyansa ho, asiesie nkurɔfoɔ+ bi ama Yehowa.”+

  • Yohane 1:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɛnneɛ na woyɛ hwan? Wone Elia anaa?”+ Na ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ mene no.” “Wone Odiyifoɔ no?”+ Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Dabi!”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane