Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 32:39
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 39 Afei monhunu sɛ mene Onyankopɔn+

      Na anyame biara nka me ho.+

      Me na mekum, na me na megye nkwa.+

      Mepira,+ na mesa,+

      Na obiara rentumi nhwim biribi mfiri me nsam.+

  • 1 Samuel 2:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Yehowa na ɔkum na ɔkora nkwa soɔ,+

      Deɛ ɔma nnipa siane kɔ Adamena* mu,+ na ɔma wɔfiri hɔ ba.+

  • 2 Ahemfo 4:34
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 Afei ɔforoo mpa no kɔdaa abɔfra no so,+ na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsayam totoo ne nsayam, na ɔbutuu abɔfra no so; nkakrankakra, abɔfra no honam yɛɛ hye.

  • 2 Ahemfo 13:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Berɛ bi na wɔrekɔsie ɔbarima bi, wɔnkɔhwɛ a, afomfoɔ no na wɔreba yi. Ntɛm ara na wɔtoo ɔbarima no too baabi a wɔsiee Elisa no, na wɔdwanee. Berɛ a ɔbarima no amu kaa Elisa nnompe no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkwa mu,+ na ɔsɔre gyinaa ne nan so.+

  • Luka 7:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Na aberanteɛ a wawuo no sɔre tenaa ase, na ɔfirii aseɛ kasaeɛ, na ɔde no maa ne maame.+

  • Luka 8:55
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 55 Na ne honhom+ san baeɛ, na ɔsɔree+ ntɛm ara, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmma no biribi nni.+

  • Yohane 5:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada+ mu nyinaa bɛte ne nne

  • Yohane 11:44
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 44 Afei ɔbarima a wawuo no pue baeɛ a wɔde ntoma+ akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde ntoma bi akyekyere n’anim. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsane no na momma no nkɔ.”

  • Asomafoɔ Nnwuma 9:41
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 41 Ɔtenee ne nsa na ɔmaa ne so,+ na ɔfrɛɛ akronkronfoɔ ne akunafoɔ no de no maa wɔn a ɔwɔ nkwa mu.+

  • Asomafoɔ Nnwuma 20:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Na Paulo siane kɔɔ fam kɔbutuu ne so,+ na ɔbam no kaa sɛ: “Monnyae gyegyeegye no na ne kra wɔ ne mu.”+

  • Romafoɔ 14:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Na yei nti na Kristo wuiɛ na ɔbaa nkwa mu bio,+ sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ+ ne ateasefoɔ Wura.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane