Dwom 37:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Wɔn ani renwu ahohia berɛ mu,+Na ɛkɔm berɛ mu nso, wɔbɛmee.+ Mmebusɛm 11:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame adeɛ, nanso hia ara na ɛhia no.+ Luka 18:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛrentumi nyɛ yie wɔ nnipa fam no bɛtumi ayɛ yie wɔ Onyankopɔn fam.”+ 2 Korintofoɔ 9:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na deɛ ɔma ogufoɔ aba pii na ɔma nkurɔfoɔ paanoo die+ no bɛma aba a moguo no adɔɔso, na wama mo tenenee aba ayɛ bebree.)+
10 Na deɛ ɔma ogufoɔ aba pii na ɔma nkurɔfoɔ paanoo die+ no bɛma aba a moguo no adɔɔso, na wama mo tenenee aba ayɛ bebree.)+