2 Berɛsosɛm 24:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Yehowa somaa adiyifoɔ+ baa wɔn mu sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn; wɔkasa kyerɛɛ wɔn daa, nanso wɔantie.+ 2 Berɛsosɛm 36:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+ Hebrifoɔ 1:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 1 Onyankopɔn a tete no ɔfaa akwan hodoɔ so mprɛ pii nam adiyifoɔ so kasa+ kyerɛɛ yɛn agyanom+ no,
16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+