13 Yehowa nam n’adiyifoɔ+ nyinaa ne adehunufoɔ+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnane mfiri mo akwammɔne ho,+ na monni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛdeɛ+ so sɛdeɛ mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifoɔ so de brɛɛ mo+ no teɛ”;
25 wɔayɛ saa firi da a meyii mo agyanom firii Egypt asase so baeɛ no de bɛsi nnɛ.+ Mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesɔre somaa wɔn da biara anɔpahema.+