26 Ɛnna Hiob buaa sɛ:
2 “Boa deɛ, woaboa deɛ ɔnni tumi ampa!
Woagye deɛ ɔnni ahoɔden ampa!+
3 Afotuo deɛ, wode bi ama deɛ ɔnnim nyansa,+
Na nyansa nso, woama nnipa bebree ahunu bi!
4 Hwan na worekasa akyerɛ no,
Na hwan ahome na ɛfiri wo mu fire?
5 Awufoɔ mpo ho popo
Wɔ ɛpo ne emu ateasefoɔ ase.+
6 Adamena da adagya n’anim,+
Na ɔsɛeɛ amena nni nkataho.
7 Watrɛ atifi fam wɔ ahunumu,+
Na ɔde asase asɛn deɛ hwee nnie;
8 Wakyekyere nsuo mununkum mu,+
Na mununkum no mpae wɔ aseɛ;
9 Wakata ahennwa no anim,
Watrɛ ne mununkum+ mu akata so.
10 Watwa kɔntɔnkrɔn wɔ nsuo ani,+
baabi a hann ne sum hyia.
11 Ɔsoro nnyinasoɔ hinhim,
Na n’animka ma no woso.
12 Ɔde ne tumi hwanyan ɛpo,+
Na ɔde ne nteaseɛ bubu aniɛdenfoɔ+ pasaa.+
13 Ɔsoro deɛ, ne mframa na ɔde te hɔ,+
Na ne nsa hwire ɔwɔ a ne ho yɛ hare mu.+
14 Hwɛ! Yeinom yɛ ne nnwuma mu ketewaa bi,+
Na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!
N’aprannaa kɛseɛ no deɛ, hwan na ɔbɛtumi ate aseɛ?”+