Dwom 74:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Wo na wode w’ahoɔden hwanyan po;+Wobobɔɔ nsuboa akɛseɛ ti wɔ nsuo mu.+ Yesaia 51:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “Na me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, deɛ ɔkanyan po ma n’asorɔkye huru no.+ Asafo Yehowa ne ne din.+