Yesaia
51 “Mo a modi tenenee akyi,+ mo a mohwehwɛ Yehowa,+ montie me. Monhwɛ ɔbotan+ a wɔpaee mo firii mu ne amena a wɔtuu mo firii mu no. 2 Monhwɛ mo agya Abraham+ ne Sara+ a ɔde yea kyem woo mo no. Mefrɛɛ no no, na ɔyɛ onipa baako,+ na mehyiraa no maa no bɛyɛɛ pii.+ 3 Yehowa bɛkyekyere Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekyere n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+ na n’anwea pradaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigyeɛ ne ahurisie, aseda ne dwontoɔ bɛyɛ no mã.+
4 “Me nkurɔfoɔ, montie me; me man,+ monyɛ aso mma me. Mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ,+ na m’atemmusɛm bɛtim hɔ ayɛ hann ama aman.+ 5 Me tenenee abɛn.+ Me nkwagyeɛ+ bɛfiri adi, na me basa bɛbu aman atɛn.+ Nsupɔ de wɔn ho bɛto me so,+ na wɔbɛtwɛn me basa.+
6 “Momma mo ani so nhwɛ soro,+ na monhwɛ asase wɔ fam. Na ɔsoro bɛhu akɔ sɛ wisie+ na asase ago atete sɛ atadeɛ,+ na ɛsotefoɔ awuwu sɛ ntontom. Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa,+ na me tenenee rensɛe.+
7 “Mo a monim tenenee, nnipa a me mmara wɔ mo akomam,+ montie me. Mommma nnipa ahohorabɔ mmmɔ mo hu, na mommma wɔn kasatia nntu mo akoma.+ 8 Nweweboaa bɛwe wɔn sɛ atadeɛ, na abubummabaa awe wɔn sɛ kuntu.+ Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛnni ano so.”+
9 O Yehowa basa,+ nyane ɛ, nyane na hyɛ ahoɔden!+ Nyane te sɛ deɛ woyɛɛ no tete no, te sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no.+ Ɛnyɛ wo na wobubuu Rahab mu pasaa,+ na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?+ 10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ, na subunu akɛseɛ mu nsuo saeɛ?+ Ɛnyɛ wo na wopaee kwan faa po ase maa wɔn a wɔagye wɔn no twaeɛ?+ 11 Afei wɔn a Yehowa agye wɔn no de osebɔ bɛsan aba Sion,+ na ahurisidie bɛtena wɔn atifi daa.+ Anigyeɛ ne ahurisie ne wɔn bɛtena,+ na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane.+
12 “Me—me ara na mɛkyekyere mo werɛ.+
“Wo deɛ, adɛn nti na wosuro ɔdasani a ɔbɛwuo+ ne onipa ba a wɔbɛma no ayɛ sɛ wura mono?+ 13 Na adɛn nti na wo werɛ afiri wo Yɛfoɔ Yehowa,+ deɛ ɔtrɛ ɔsoro mu+ na ɔto asase fapem,+ ma enti da biara da wosuro, deɛ ɔhyɛ wo soɔ no abufuo nti,+ te sɛ deɛ ɔrebɛsɛe wo ara nie?+ Ɛhe na deɛ ɔhyɛ wo soɔ no abufuo wɔ?+
14 “Deɛ mpokyerɛ gu no no, wɔbɛsane no ntɛm,+ na wanwu ankɔ amena mu,+ na n’ano aduane ammɔ no.+
15 “Na me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, deɛ ɔkanyan po ma n’asorɔkye huru no.+ Asafo Yehowa ne ne din.+ 16 Na mede me nsɛm bɛhyɛ w’anom,+ na mede me nsa ase nwunu bɛkata wo so,+ na mede ɔsoro asi hɔ+ ato asase fapem,+ na maka akyerɛ Sion sɛ, ‘Wone me man.’+
17 “Nyane, nyane! Sɔre ɛ, Yerusalem,+ wo a woanom Yehowa abufuhyeɛ kuruwa ano wɔ ne nsam.+ Kuruwa a ɛma nnipa tɔ ntintan no, woanom; woafefe mu ama no asa.+ 18 Ne mma+ a ɔwoo wɔn no mu biara nni hɔ a ɔkyerɛɛ no kwan, na ne mma a ɔtetee wɔn no mu biara nni hɔ a ɔsɔɔ ne nsa.+ 19 Nneɛma mmienu yi na ɛtoo woɔ.+ Hwan na ɔbɛgyam woɔ?+ Amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne nkrantɛ!+ Hwan na ɔbɛkyekyere wo werɛ?+ 20 Wo mma atotɔ piti.+ Na wɔdeda mmɔnten ntwea so baabiara te sɛ ɔdabɔ a fidie ayi no,+ te sɛ wɔn a Yehowa abufuhyeɛ+ ne wo Nyankopɔn animka amee wɔn.”+
21 Enti ɔbaa+ a wo ho hiahia woɔ, wo a woaboro nanso ɛnyɛ nsã na abo woɔ,+ tie. 22 Deɛ wo wura Yehowa, wo Nyankopɔn a ɔko+ ma ne nkurɔfoɔ aka nie: “Hwɛ, mɛgye kuruwa a ɛma nnipa tɔ ntintan+ no afiri wo nsam. M’abufuhyeɛ kuruwa no, worennom ano bio.+ 23 Na mede bɛhyɛ wɔn a wɔha woɔ no nsam,+ wɔn a wɔka kyerɛɛ wo kra sɛ, ‘Butu hɔ na yɛmfa wo so,’ na wode w’akyi yɛɛ sɛ fam anaa kurom kwan maa wɔn a wɔtwam no.”+