Yesaia
51 “Montie me, mo a modi tenenee akyi,
Mo a morehwehwɛ Yehowa.
Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu
Ne baabi a wɔpae aboɔ a wɔtuu mo firiiɛ no.
Ɔbɛkyekye ne nkuro a asɛe nyinaa werɛ,+
Na ɔbɛma ne serɛ ayɛ sɛ Eden+
Na n’asaase pradadaa ayɛ sɛ Yehowa turo.+
Anigyeɛ ne ahurisie,
Aseda ne nnwom a ɛyɛ dɛ bɛyɛ no ma.+
6 Momma mo ani so nhwɛ soro,
Na monhwɛ asaase wɔ fam.
Ɛfiri sɛ ɔsoro bɛhu akɔ te sɛ wisie,
Na asaase ago sɛ ntomago.
Wɔn a wɔtete so no bɛwuwu te sɛ ntontom.
Mommma onipa dasani adapaatwa mmmɔ mo hu,
Na mommma wɔn kasatia nntu mo akoma.
8 Ɛfiri sɛ nweweboaa bɛwe wɔn te sɛ ataadeɛ,
Na mmoawammoawa awe wɔn te sɛ ataadeɛ a wɔde odwan nwi ayɛ.+
Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa,
Na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+
Nyane te sɛ deɛ woyɛɛ tete no, te sɛ deɛ woyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no mu no.
10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ, na nsuo a emu dɔ mu nsuo saeɛ no?+
Ɛnyɛ wo na wopaee kwan too po ase maa wɔn a wɔagye wɔn no faa so twaeɛ?+
Anigyeɛ ne ahurisie ne wɔn bɛtena,
Na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane.+
12 “Me ara na mɛkyekye mo werɛ.+
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosuro onipa dasani a ɔbɛwuo+
Ne onipa ba a ɔbɛtwintwam sɛ ɛserɛ mono?
Deɛ ɔhyɛ wo so* no abufuo nti, da biara da na wosuro,
Te sɛ deɛ ɔrebɛsɛe wo ara ni.
Seesei, ɛhe na deɛ ɔhyɛ wo so no abufuo wɔ?
14 Deɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no ama ne mu akõa no, ɛrenkyɛ wɔbɛgyaa no;+
Ɔrenwu nkɔ amena mu,
Na n’ano aduane remmɔ no.
16 Mede me nsɛm bɛhyɛ w’anom,
Na mede me nsa ase nwunu bɛkata wo so,+
Na mede ɔsoro asi hɔ, na mato asaase fapem,+
Na maka akyerɛ Sion sɛ, ‘Wone me man.’+
Woanom kuruwa no ano;
Kuruwa a ɛma nnipa kɔ afã-afã no, woatafere mu nyinaa.+
18 Ne mma a ɔwoo wɔn no mu biara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ no kwan,
Na ne mma a ɔtetee wɔn no mu biara nni hɔ a ɔbɛsɔ ne nsa.
19 Nneɛma mmienu yi na ato wo.
Hwan na w’asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ?
Ɔsɛeɛ ne amamfoyɛ, ɛkɔm ne sekan!+
Hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?+
Wɔdeda mmantwea* wɔ mmɔnten so baabiara
Te sɛ wuram dwan a fidie ayi no.
Yehowa abufuhyeɛ ne wo Nyankopɔn animka amee wɔn.”
22 Deɛ wo wura Yehowa, wo Nyankopɔn a ɔko ma ne nkurɔfoɔ aka nie:
“Hwɛ! Mɛgye kuruwa a ɛma nnipa kɔ afã-afã no afiri wo nsam,+
Kuruwa no, m’abufuhyeɛ kuruwa no;
Worennom ano bio da.+
Enti wode w’akyi yɛɛ sɛ fam,
Te sɛ kurom kwan maa wɔnantee so.”