-
Nehemia 9:10, 11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ de twee Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asaase so nyinaa aso,+ ɛfiri sɛ na wonim sɛ wɔadi wo nkurɔfoɔ so ahantansɛm.+ Wode gyee din, na atena hɔ abɛsi nnɛ.+ 11 Wopaee ɛpo no mu wɔ wɔn anim maa wɔfaa asaase kesee so wɔ ɛpo no mfimfini kɔe;+ na wɔn a wɔtaa wɔn so no, wotoo wɔn guu ɛpo bunu no mu te sɛ ɛboɔ a wɔato ato nsuo a ano yɛ den mu.+
-