Yesaia 60:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Wɔn a wɔteetee wo no, wɔn mma bɛba abɛkoto w’anim;Wɔn a wɔmfa wo nyɛ hwee no, wɔn nyinaa bɛkoto wo nan ase,Na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kuro,Israel Kronkronni no Sion.+ Yeremia 31:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 “Na wei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,” Yehowa asɛm nie. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu,+ na matwerɛ no wɔ wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.”+ Sakaria 8:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na mede wɔn bɛba, na wɔabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛyɛ me man na mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni no.’”
14 Wɔn a wɔteetee wo no, wɔn mma bɛba abɛkoto w’anim;Wɔn a wɔmfa wo nyɛ hwee no, wɔn nyinaa bɛkoto wo nan ase,Na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kuro,Israel Kronkronni no Sion.+
33 “Na wei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,” Yehowa asɛm nie. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu,+ na matwerɛ no wɔ wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.”+
8 Na mede wɔn bɛba, na wɔabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛyɛ me man na mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni no.’”