10 Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigyeɛ ne wɔn atena daa.+ Ahurisie ne anigyeɛ na wɔn nsa bɛka, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.+
10 Mede wɔn bɛfiri Egypt+ asase so aba, na mɛboaboa wɔn ano+ afiri Asiria de wɔn aba Gilead+ ne Lebanon asase so, na ɛno mpo wɔrennya baabi a ɛbɛsõ wɔn.+
31 Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto nnyegyeeɛ a ano yɛ den aba,+ na wɔbɛboaboa wɔn a wayi wɔn+ no ano afiri mframa nnan no mu,+ firi ɔsoro ano kɔsi ano nohoa.