Luka
10 Yeinom akyi no, Awurade yii afoforɔ aduɔson+ somaa wɔn mmienu mmienu+ dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a na ɔno ara rebɛkorɔ no. 2 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm nie, otwa adwuma+ no sõ, nanso adwumayɛfoɔ+ no sua. Enti monsrɛ+ otwa Wura no na ɔnsoma adwumayɛfoɔ+ mmra ne twa no mu. 3 Monkɔ. Hwɛ! meresoma mo sɛ nnwammaa+ akɔ mpataku mu. 4 Mommfa sika kotokuo, anaa aduane bɔtɔ,+ anaa mpaboa, na monnnyina nnkyea+ obiara wɔ kwan so. 5 Baabiara a mobɛhyɛn fie bi mu no, monni kan nka sɛ, ‘Asomdwoeɛ mmra fie yi so.’+ 6 Na sɛ asomdwoeɛ nipa bi wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛtena ne so.+ Nanso sɛ ebi nni hɔ a, ɛbɛsan aba mo so.+ 7 Enti montena saa fie no mu,+ na monni na monnom deɛ wɔde bɛma no,+ ɛfiri sɛ odwumayɛni akatua sɛ no.+ Monntu mmfiri fie mu nnkɔ fie mu.+
8 “Afei nso, berɛ biara a mobɛhyɛn kuro bi mu a wɔbɛgye mo no, monni deɛ wɔde bɛsi mo anim no, 9 na monsa+ emu ayarefoɔ no yareɛ, na monkɔ so nka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn ahennie+ no abɛn mo.’ 10 Nanso berɛ biara a mobɛhyɛn kuro bi mu a wɔannye mo no,+ momfiri adi nkɔ n’atempɔn so na monka sɛ, 11 ‘Mo kuro yi mu mfuturo mpo a ɛguu yɛn nan ho no, yɛporoporo gu mo so.+ Nanso, momma ɛntena mo adwene mu sɛ Onyankopɔn ahennie no abɛn.’ 12 Mese mo sɛ saa da no ɛbɛyɛ mmerɛ ama Sodom+ asene saa kuro no.
13 “Due Korasin!+ Due Betsaida!+ ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no wo mu no, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔsakra tenaa atweaatam ne nsõ mu akyɛ.+ 14 Enti ɛbɛyɛ mmerɛ ama Tiro ne Sidon wɔ atemmuo no mu asene mo.+ 15 Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa?+ Adamena*+ mu na wobɛsiane akorɔ!
16 “Deɛ ɔtie+ mo no tie me nso. Na deɛ ɔbu mo animtia no bu me nso animtia. Afei nso, deɛ ɔbu me animtia no bu+ deɛ ɔsomaa me no nso animtia.”
17 Na aduɔson no de anigyeɛ san ba bɛkaa sɛ: “Awurade, wo din a yɛde yɛ adwuma nti adaemone mpo brɛ wɔn ho ase+ ma yɛn.” 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mahunu sɛ Satan firi soro ahwe ase+ dada sɛ anyinam. 19 Hwɛ! mama mo tumi a mode bɛtiatia awɔ+ ne nyanyankyerɛ+ so, ne deɛ mode bɛdi ɔtamfo+ no tumi nyinaa soɔ, na bɔne biara rento mo. 20 Nanso monnni yei ho ahurisie, sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo, na mmom monni ahurisie ɛfiri sɛ wɔatwerɛ mo din+ wɔ soro.” 21 Ɛdɔn no ara mu no, anigyeɛ+ hyɛɛ no mã, honhom kronkron mu, na ɔkaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode yeinom asie anyansafoɔ+ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, O Agya, ɛfiri sɛ na yei ne ɛkwan a ɛsɔ w’ani. 22 M’Agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa,+ na obiara nnim onii a Ɔba no yɛ, gye Agya+ no; na obiara nnim onii a Agya no yɛ, gye Ɔba+ no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.”
23 Afei ɔdanee ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no kaa sɛ: “Anigyeɛ ne ani a ɛhunu nneɛma a seesei mohunu yi.+ 24 Na mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ wɔhunu+ nneɛma a seesei mohunu yi nanso wɔanhunu, wɔpɛɛ sɛ wɔte nsɛm a moteɛ yi nanso wɔante.”
25 Afei, hwɛ! ɔbarima bi a ɔnim Mmara+ no sɔree sɛ ɔresɔ no ahwɛ, na ɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na sɛ meyɛ a mɛnya daa nkwa?”+ 26 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ no Mmara no mu?+ Wokenkan no sɛn?” 27 Ɔbuaa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn,’+ ne ‘wo yɔnko sɛ wo ho.’”+ 28 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yie; ‘kɔ so yɛ yei na wobɛnya nkwa.’”+
29 Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem nti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Hwan paa ne me yɔnko?”+ 30 Yesu buaa sɛ: “Ná ɔbarima bi firi Yerusalem resiane akɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ adwotwafoɔ mu maa wɔworɔɔ ne ho ntadeɛ bobɔɔ no, gyaa no hɔ kɔeɛ a na watɔ bera. 31 Afei, ɛbaa sɛ na ɔsɔfoɔ bi retwam saa kwan no so, nanso berɛ a ɔhunuu no no, ɔfaa ɛkwan no fã baabi kɔeɛ.+ 32 Saa ara na berɛ a Lewini bi nso duruu hɔ a ɔhunuu no no, ɔfaa ɛkwan no fã baabi kɔeɛ.+ 33 Afei Samariani+ bi a ɔnam kwan no so retu kwan bɛtoo no, na ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Enti ɔbɛn no kyekyeree n’akuro no hwiee ngo ne nsã guu so.+ Afei ɔde no tenaa ɔno ara n’aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no. 35 Na adeɛ kyeeɛ no ɔyii denare mmienu de maa ahɔhodan sohwɛfoɔ no kaa sɛ, ‘Hwɛ no, na ɛka biara a wobɛbɔ wɔ yei akyi no, mesan ba a mɛtua ama wo.’ 36 Mmiɛnsa yi mu hwan na wosusu sɛ wada ne ho adi sɛ ɔbarima a ɔkɔtɔɔ adwotwafoɔ mu no yɔnko?”+ 37 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhunuu no mmɔbɔ+ no.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na wo nso kɔyɛ+ saa ara.”
38 Afei berɛ a wɔrekorɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Ɛha na ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta+ gyee no kɔɔ fie sɛ ɔhɔhoɔ. 39 Ná saa ɔbaa yi wɔ nuabaa bi nso a wɔfrɛ no Maria, na ɔno deɛ ɔtenaa Awurade nan ase+ tiee n’asɛm no ara. 40 Nanso Marta deɛ, na nnwuma bebree agye n’adwene.+ Enti ɔba bɛkaa sɛ: “Awurade, wonhunu sɛ me nuabaa no agya me nko ara na mereyɛ adeɛ?+ Enti ka kyerɛ no na ɔmmɛka me ho mmoa me.” 41 Awurade bua see no sɛ: “Marta, Marta, wodwendwene+ bebree na wode nneɛma pii ha wo ho.+ 42 Nanso, nneɛma kakraa bi+ na ɛhia, anaasɛ baako pɛ. Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ papa,+ na wɔrennye mfiri ne nsam.”